m'adamfo waa - minister oj lyrics
[intro]
aah, ah, ɔdɔ, oh
[chorus]
m’adamfowaa
ɔdɔfo pa bi kyɛn onua, m’adamfowaa
m’adamfowaa, m’adamfowaa
agya onyame akyɛ me adeɛ, m’adamfowaa
m’adamfowaa
ɔdɔfo pa bi kyɛn onua, m’adamfowaa
m’adamfowaa, m’adamfowaa
wodi ɔdɔ ma ɔdɔ yɛ dɛ o, m’adamfowaa
[verse 1]
nhyira nka nyame a ɔbɔɔ woɔ
ɔtoo ne bo ase na ɔbɔɔ wo paa ara
ɔbaa biara ho ɔ’fɛ o, nanso woda mu soronko
agya onyame akyɛ me adeɛ, m’adamfowaa
nhyira nka nyame a ɔbɔɔ woɔ
ɔtoo ne bo ase na ɔbɔɔ wo paa ara
ɔbaa biara ho ɔ’fɛ o, nanso woda mu soronko
wodi ɔdɔ ma ɔdɔ yɛ dɛ o, m’adamfowaa
[chorus]
m’adamfowaa
ɔdɔfo pa bi kyɛn onua, m’adamfowaa
m’adamfowaa, m’adamfowaa
agya onyame akyɛ me adeɛ, m’adamfowaa
[verse 2]
ahoɔfɛ wɔ anisoɔ, na ɔdɔ nso wɔ akomam’
deɛ woteɛ biara no, medɔ wo saa ara
w’anum wɔ adɔkɔdɔkɔdeɛ
na w’aba yɛ me dodo mu dɛ
nunu me kakra ɛ, na meyare ɔdɔ
ao, m’adamfowaa
ahoɔfɛ wɔ anisoɔ, na ɔdɔ nso wɔ akomam’
deɛ woteɛ biara no, medɔ wo saa ara
w’anum wɔ adɔkɔdɔkɔdeɛ
na w’aba yɛ me dodo mu dɛ
nunu me kakra ɛ, na meyare ɔdɔ
m’adamfowaa
[outro]
m’adamfowaa
ɔdɔfo pa bi kyɛn onua, m’adamfowaa
m’adamfowaa, m’adamfowaa
wodi ɔdɔ ma ɔdɔ yɛ dɛ o, m’adamfowaa
Random Song Lyrics :
- pensando em você - mayrlla gomes lyrics
- the word - icky ike lyrics
- no love - r10 lyrics
- silent war - tb project lyrics
- bully - lil icecreamxx lyrics
- dangerous - alexa ferr lyrics
- pretty in the dark - cold hart lyrics
- блистер (blister) - raskol lyrics
- ja nuttis tuba - kosmikud lyrics
- means nothing - g-wizz, the slayer lyrics